English Translation of “a”
a letter
- first letter of the Akan alphabet
a plural nominal prefix
- prefixed to certain nouns to form their plural forms
- ɔsɔfo (a pastor) to asɔfo (pastors)
- pɔnkɔ (a horse) to apɔnkɔ (horses)
- nantwie (a cow) to anantwie (cows)
a plural adjectival prefix
- prefixed to certain adjectives to form their plural forms
- kɛseɛ (big, singular) to akɛseɛ (big, plural)
- foforɔ (other; new, singular) to afoforɔ (others; new, plural)
- tenten (long, sinular) to atenten (long, plural)
a numeral prefix
- prefixed to numbers in tens, from 20 to 90
- aduonu (twenty)
- aduasa (thirty)
- aduanan (forty)
- aduonum (fifty)
- aduosia (sixty)
- aduɔson (seventy)
- aduɔwɔtwe (eighty)
- aduɔkron (ninety)
a if-clause particle
- can be used with or without “sɛ” to form if clauses within conditional statements
- woba a, mɛkɔ (if you come, I’ll go)
- sɛ woba a, mɛkɔ (if you come, I’ll go)
- wohwɛ me a, mɛsa sɛ afofantɔ (if you look at me, I’ll dance like a butterfly)
- sɛ wohwɛ me a, mɛsa sɛ afofantɔ (if you look at me, I’ll dance like a butterfly)
- wɔwo wo wɔ Amɛreka a, wonyini yɛ tenten (if you’re born in America, you grow tall)
- sɛ wɔwo wo wɔ Amɛreka a, wonyini yɛ tenten (if you’re born in America, you grow tall)
a relative pronoun
- used as the subject of a relative clause to refer to an antecedent referent
- akokɔ no a yɛkumm no no anwu (the chicken that we killed did not die)
- Onyankopɔn a mesom no no da so te ase (the God that I worship is still alive)
- osikani no a ɔgyaee ne yere no asan aware (the rich man who divorced his wife has remarried)
- sika no a wode maa me no ayera (the money which you gave me is lost)
a interrogative particle
- used to form questions
- ɔno a? (is it him/her?)
- ɛyɛ ɛno a? (is that it?)
a emphatic particle
- used to emphasize
- ɔno a! (it’s him/her!)
- me a! (it’s me!)
a perfect aspect marker
- used to make the perfect form of verbs
- akwadaa no ada (the child has slept)
- ɔwɔ no aka papa no (the snake has bitten the man)
- abansoro no adwiri agu (the storey building has collapsed)